Letra Adedie de Daughters of Glorious Jesus

Letra de Adedie

Daughters of Glorious Jesus


Adedie
Daughters of Glorious Jesus
(0 votos)
Ah, yeah, yeah
Sɛ Awurade ka me ho yi nko ara deɛ
Sɛ Messiah ka me ho yi nko ara deɛAhene mu Hene ka me ho yi nko ara deɛ
(Mensuro hwee) la, la, la, la
Sɛ Awurade ka me ho yi nko ara deɛ
Sɛ Messiah ka me ho yi nko ara deɛ
Ahene mu Hene ka me ho yi nko ara deɛ
(Mensuro hwee) ah (wɔ wiase yi mu) yeah, eh

Oh (yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o)
(Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ o) oh, oh
Yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o
Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ wɔ Awurade din mu

Hwɛ mese, Ɔgyina m′akyi o, sɛ Ɔdɔmbarima
Na Ɔrekenyan ne ho wɔ N'Asɛm mu o, na W′ayɛ
Ne hu yɛ hu wɔ ɔko mu
Na mete Ne nan so redi adeɛ
Wayɛ me dadeɛ dum ne kɔɔbere afasuo
Na Ɔde me asi amanaman m' ne ahennie hodoɔ nyinaa so sɛ
Mentutu, memmubu na mensɛe o, eh
Na mendwiri, na Wama me kwan sɛ mentiatia ɔtamfo
Ne nnwuma ne n'ahoɔden nyinaa so o

Hwɛ mese, Ɔgyina m′akyi o, sɛ Ɔdɔmbarima
Na Ɔrekenyan ne ho wɔ N′Asɛm mu o, na W'ayɛ
Ne hu yɛ hu wɔ ɔko mu
Na mete Ne nan so redi adeɛ
Wayɛ me dadeɛ dum ne kɔɔbere afasuo
Na Ɔde me asi amanaman m′ ne ahennie hodoɔ nyinaa so sɛ
Mentutu, memmubu na mensɛe o, eh
Na mendwiri, na Wama me kwan sɛ mentiatia ɔtamfo
Ne nnwuma ne n'ahoɔden nyinaa so o

Hey (yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o)
(Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ o) ah
Yeh, yeh, yeh, hey (yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o)
Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ wɔ Awurade din mu

Yɛyɛ Kristo deɛ yi deɛ, ɛnneɛ na yɛyɛ Abraham asefoɔ
Na yɛnam bɔhyɛ no so yɛ, adedifoɔ nso bi, oh
Nea Waka afa yɛn ho no nso, ɛbɛba mu o
Ɔnokwafo ne nea Wahyɛ yɛn bɔ no, Ɔbɛyɛ
Waka wɔ N′Asɛm mu sɛ, "Yɛyɛ Nyankopɔn mma yi deɛ"
Ɔne yɛn bɔ mu di Ɔsoro, soro, soro adeɛ

Ah, yɛyɛ Kristo deɛ yi deɛ, ɛnneɛ na yɛyɛ Abraham asefoɔ o
Na yɛnam bɔhyɛ no so yɛ, adedifoɔ nso bi, oh
Nea Waka afa yɛn ho no nso, ɛbɛba mu o
Ɔnokwafo ne nea Wahyɛ yɛn bɔ no, Ɔbɛyɛ
Waka wɔ N'Asɛm mu sɛ, "Yɛyɛ Nyankopɔn mma yi deɛ"
Ɔne yɛn bɔ mu di Ɔsoro, soro, soro adeɛ

Yɛredi adeɛ o, enti me nua, woredi adeɛ no bi anaa?
Wowɔ Yesu nti wowɔ ade nyinaa, enti bra ma yɛnni adeɛ wɔ Awurade din mu oh, oh, oh

(Yɛredi adeɛ o), nah (yɛredi adeɛ o) yeah, yeah, yeah
(Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ o) oh, oh
Yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o
Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ wɔ Awurade din mu

Ah (yɛredi adeɛ o) ka w′akoma to wo yam o (yɛredi adeɛ o)
(Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ o) wowɔ Yesu o
(Yɛredi adeɛ o) Ɔtaa w'akyi o, (yɛredi adeɛ o) Ɔka wo ho abere biara
(Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ wɔ Awurade) ah (din mu) Yesu mu' ɔdɛ o

(Yɛredi adeɛ o) yie, yie-yie-yie-yie-yie-yie, yie (yɛredi adeɛ o) bra ma yɛnni adeɛ yie ei
(Yɛwɔ Yesu) bra ma (nti) yɛnni adeɛ (yɛwɔ) yie yie (ade nyinaa) yie, yie, yie (yɛredi adeɛ o)
Ah, Yesu mu′ ɔdɛ o (Yɛredi adeɛ o) ah (yɛredi adeɛ o) yeah, yeah, yeh-yeh-yeh, yeah
Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ wɔ Awurade din mu

Yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o
Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ o
Yɛredi adeɛ o, yɛredi adeɛ o
Yɛwɔ Yesu nti yɛwɔ ade nyinaa, yɛredi adeɛ wɔ Awurade din mu


Comparte Adedie! con tus amigos.


Que tal te parece Adedie de Daughters of Glorious Jesus?
Pesima
Mala
Regular
Buena
Excelente