Letra Na Anka Ebeye Den de Nana Acheampong

Letra de Na Anka Ebeye Den

Nana Acheampong


Na Anka Ebeye Den
Nana Acheampong
(0 votos)
Ei, oh (repeat 4x)
uuuuu uuuu
Na anka ɛbɛyɛ dɛn
Na anka ɛbɛyɛ dɛn a
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
uuuu uuuu uuu
Na anka ɛbɛyɛ dɛn
Wuee wuee wuee
Na anka ɛbɛyɛ dɛn aaa
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Woresu na mereyɛ oooo
Woresu na mereyɛ aaaa
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
W'ani abre wo ho koraa no, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more more
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Ɔbaa a mepɛ no ara na manya no yi a
Saa ɔbaa yi ara na mɛware no a
Deɛ ɔnte aseɛ ɔnkɔ wu
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Ewiase mu hwan na ɛmpɛ adeɛ pa
Ɔbaa pa sei deɛ hwan na ɛbɛnya
Ne hoɔ fɛ nso ɔbu adeɛ o
Mese mente ne ho gyae o
Adeɛ mepɛ nso na mepɛ o
Mentumi nyɛ ho akwadworɔ da
Me yere wei ara na mereware no awu o
Obi abaayewa abanaba ei
Mese girl wei ara na mɛware no
Deɛ ɔnte aseɛ mpɛ a, ɔnkɔ wu ɛ
Na anka ɛbɛyɛ dɛn a
Woresu koraa na meredɔ no more
Sɛ mewɔ sika a, anka mɛto dan akyɛ no o
Menya sika a, mɛtɔ ntoma pa ama no a
Wei na wonte aseɛ a, twa wo ya mu ɛ
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Naa Akyaa na medɔ no o
Obaa Aggie ahoɔfɛdua ei
Ne suban pa nti mereware no
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Woka yɛ dɔ yi ho asɛm deɛ a, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more
More, uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Bue, bue, bue, bue, bue, bue
Obi abaayewa, manya me kunu na adɛn
Manya me barima pa na momma m'aso ndwo me
Barima yin a ɔse ɔne me bɛwu a
Me nso so mate aka ne so o
Ewiase mu ɔbi dɔ nyɛ obi dɔ nti no
Ɔno ara na mese medɔ no a, momma mendɔ no ɛ
Na anka ɛbɛyɛ dɛn a
Woresu koraa na meredɔ no more
Obi dɔ obi a, mese obi nte aseɛ a
Mese barima wei ara na mepɛ a
Ɔnni bi nte na yɛnyɛ dɛn
Ɔdɔ, ɛnni mu sika o
Mekye mu Akyaa se momma n'aso ndwo no
Moma n'aso dwe no a na moama ne ho nso atɔ no
Ɛnfa no nyɛ twiapa ntena wo fie
Ɛnyɛ no anɔpa, awia ne anwummire o
Na adeɛ ɛyɛ dɛ se ɔne me bɛwu a
Boo, boo, boo, me nso me ne no bɛwu a
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Owoahene Acheampong na medɔ no
Ɛnti deɛ obi bɛka biara, mese menteeyɛ o
Iron boy, abanaba ei
Ɔni awo no ama me a
Mese, manhu no a, meda a ɛnna o
Na wo nso so se me ne no ngyae
Merengyae na makɔ we aduaba bɛn aba a
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Woka yɛ dɔ yi ho asɛm a, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more
More, uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Yei, yei, yei, yei
Ei, oh (repeat)
Nana, m'adwuma meyɛ yi yɛ Nyama am wae
Me nnwomtoɔ yi mansua no beebi ara
Ɛyɛ akyɛdeɛ a, Nyame de kyɛɛ me o
Ɛnti wotan me ho a, wotan me kwa o
Woto me tuo a, wosɛe w'akoraboɔ wae
Ɛfiri sɛ deɛ Nyame ahyira no no na wɔahyira no wae
Ɔtanfo ntumi nsɛe no
Pɛ me sɛe yie wobɛbrɛ o
Ɛka obi nko ara na anka mawu
Ɛka obi nko ara na anka masɛe
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Wosu koraa me ara na merekorɔ
Nana, na meka a, na against adwa
Sɛ adɔfo ti a, na ani agye o
Sɛ wo na wɔnnɔ me a, obi dɔ me wae
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Yie, me ne wo ara na ɛyɛ adwuma baako
Na ɛka wo nko a, anka me deɛ nsɛe
Nyame nso mpɛ w'adwene bɔne nti
Wɔahyira, ahyira me ara ma no akɔ wo ho
Afei na wohu a, na wo ya mu
Pɛ me sɛe yie wobɛbrɛ o
Wote me din a, na wo ya mu rehye ho
Pɛ me sɛe yie wobɛbrɛ a
Pɛ me sɛe yie wobɛbrɛ o
Pɛ me sɛe yie wobɛbrɛ a
Na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Wotwii mu koraa Nana ara na ɛrekorɔ
Ama Amponsah wo hene a
Ampa, me broni na merefrɛ no a
Charlie Pee Ahoɔfɛdua
Kumasi Krofuom, na wɔ o
Ɔyɔnko pa, Mike ei
Hamburg abɔnten na ɔwɔ a
Asante Ahenkuro na ɔfiri
Mike se na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
Woresu na mereyɛ o
Woresu na mereyɛ a
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya
W'ani abre wo ho koraa no, na meredɔ no more
Woreka no koraa no na meredɔ no more
Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ wo ya


Comparte Na Anka Ebeye Den! con tus amigos.


Que tal te parece Na Anka Ebeye Den de Nana Acheampong?
Pesima
Mala
Regular
Buena
Excelente