Letra Wogya Me Ho A de Oheneba Kissi

Letra de Wogya Me Ho A

Oheneba Kissi


Wogya Me Ho A
Oheneba Kissi
(0 votos)
Wogya me hɔ a mɛwu ei
Wogya me hɔ a mɛwu o
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔWogya me hɔ a mɛwu
Wogya me hɔ a mɛwu ei
Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
Wogya me hɔ a mɛwu

Wogya me hɔ a mɛwu ei
Wogya me hɔ a mɛwu o
M'awerɛkyekyerɛ, m′anidasoɔ
Wogya me hɔ a mɛwu
Wogya me hɔ a mɛwu ei
Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
Wogya me hɔ a mɛwu

Dear ei, wo ne me nsuo a menom
Wokaa asɛm bi maa no tɔɔ me tiri mu
Maa no yɛɛ me dɛdɛɛdɛ
Ɔdɔ, wo ne me nsuo a menom o
Wokaa asɛm bi too me tiri mu aah
Maa me tiri mu yɛɛ me dɛdɛɛdɛ aah

Sweetie, wosee me sɛ
Sɛneɛ ɔbra no de yɛn bɛsi biara
Wo deɛ wo ne me ara o
Afei nso me ne wo mmienu dɔ no
Akɔyɛ sɛ sumina ne kɔkɔsakyi deɛ no aah
Opuro ne abɛ dɔ
Anaasɛ ɔsɔfoɔ ne nsɛmpaka

Baabi a wobɛhyia baako biara
Na ɔkoro no ka ne ho
Ebi kɔ gya bi a, ɛnyɛ yie
Na adɛn na woreyɛ ayi me ama yi aah?
Na ɔdɔ ei

Wogya me hɔ a mɛwu ei
Wogya me hɔ a mɛwu o
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
Wogya me hɔ a mɛwu
Wogya me hɔ a mɛwu ei
Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
Wogya me hɔ a mɛwu

Na mennim sɛ saa na ɔdɔ teɛ
Obidombie ei, woakyerɛ me aah-eh
Afei na worebɛgya me hɔ anaa?
Ɔdwomtofoɔ bi se, "Ɔdɔ mfitiaseɛ ɛ′fɛ
N'awieɛ na akɔyɛ biribi a ɛwɔ hɔ"
Me ne wo dɔ yi, saa ara na ɛrebɛyɛ anaa?
Merebisa wo

Wose baabi a ɔdɔ wɔ no
Anigyeɛ nko ara o, awerɛhoɔ nni hɔ
Afei deɛ ɛbaa no sɛn ni a
Na woama nisuo afɔ sumiiɛ yi?
Dua korɔ gye mframa a ɛbu
Wogyaa me nansa pɛ yi, meda a menna
Mmm, m'awerɛkyekyerɛ, m′anidasoɔ
Nkɔ nnya me akyiri o, na Afrakomaa ei

Na nka mennim sɛ saa na ɔdɔ teɛ aah
Nanso Obidombie ei, woakyerɛ me aah-eh
Afei na worebɛgya me mu anaa?
Ɔdwomtofoɔ bi se, "Ɔdɔ mfitiaseɛ ɛ′fɛ
N'awieɛ na akɔyɛ biribi a ɛwɔ hɔ"
Me ne wo dɔ yi, saa ara na ɛrebɛyɛ anaa?
Sweetie

Yɛse baabi a ɔdɔ wɔ no
Anigyeɛ nko ara o, awerɛhoɔ nni hɔ
Afei deɛ ɛbaa no sɛn ni a
Na woama nisuo afɔ sumiiɛ yi?
Dua korɔ gye mframa a ɛbu
Wogyaa me nansa pɛ yi, meda a menna
Mmm, m′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
Nkɔ nnya me akyiri o, Afrakomaa ei

(Wogya me hɔ a mɛwu ei) ooh-eee
Wogya me hɔ a mɛwu o
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) awerɛhoɔ bɛku me o
Wogya me hɔ a mɛwu ei
Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) eh, anyɛ saa a biribi bɛyɛ me aah

(Wogya me hɔ a mɛwu ei) boo, boo, boo-ei
(Wogya me hɔ a mɛwu o) mmm. hmm. hmm
M'awerɛkyekyerɛ, m′anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) menni anidasoɔ biara aah
Wogya me hɔ a mɛwu ei
(Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei) agye wo nko ara aah
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) ɛnkɔ nnya me akyiri o

Wogya me hɔ a mɛwu ei
Wogya me hɔ a mɛwu o
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) ɛmfa biribi ara nyɛ me o
Wogya me hɔ a mɛwu ei
(Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei) yie ei, biribi bɛyɛ me aah
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) ɔdɔ ei

(Wogya me hɔ a mɛwu ei) mmm
Wogya me hɔ a mɛwu o
M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ
(Wogya me hɔ a mɛwu) Afrakoma ei
Wogya me hɔ a mɛwu ei
Ɔdɔ, na-


Comparte Wogya Me Ho A! con tus amigos.


Que tal te parece Wogya Me Ho A de Oheneba Kissi?
Pesima
Mala
Regular
Buena
Excelente